Abura
Abura yɛ amena anaa tokuro teatea a wɔtu no wɔ fam, sɛ ɛyɛ tee mu anaasɛ ne tɛtrɛtɛ mu. Wɔtu asubura de yɛ nneɛma ahodoɔ pii, a ebi ne nsuo abura (a wɔtae bɔ din sɛ asubura anaa subura), nneɛma ahodoɔ a ɛyɛ nsuo-nsuo (te sɛ fangoo), anaa mframagya ahodoɔ. Ebetumi nso aboa wɔ asase ho mfididwuma mu nhwehwɛmu, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nhwehwɛmu, aboɔdemmoɔ ne agudiɛtuo, ne ɔhyeɛ susuo ho. Etumi boa wɔ asaase ase dumadie bi te sɛ bama a aboɔdum na asɔ mu, asaase ase nhyehyɛdeɛ, asaase ase adekorabea ma nneɛma a wɔmpɛ a ebi ne Carbon a edi awu a wɔkyere firi mframa mu.
Ɛho mfasodeɛ
sesaMfiridwumayɛfoɔ ne atenaeɛ ho afotufoɔ de edin borehole yi bɔ mu frɛ ntokuro anaa amena ahodoɔ a wɔatu a wɔde yɛ asase ho mfiridwuma mu nhwehwɛmu anaa atenaeɛbea ho nhwehwɛmu (nea wɔfrɛ no Phase II ESA). Amena ahodoɔ a ɛkɔ animu wɔ dɔteɛ, asaase ase asubura, anaa asaase mu abotan nhwɛsodeɛ mu nhwehwɛmu no nso, wɔde edin borehole yi nso ma wɔn. Nhwɛsodeɛ a wɔfa firi saa amena yi bi mu no, wɔde kɔ nhwehwɛmubea kɔyɛ nhwehwɛmu de hwɛ nnuro, efii, anaa awuduro ahodoɔ a ɛwɔ saa nneɛma yi mu.
Mpɛn pii no, sɛ wɔtu asubura a, wɔde dorobɛn si so, na wokata abura no so, sɛnea nsuo amena no mmu nngu mu. Wei nso boa si efĩ a ɛwɔ soro no kwan, na antumi ankɔ tokuru no mu. na ɛbɔ pɔmpɛ biara a ɛwɔ abura no mu ho ban na anwea ne nsufĩ ankɔ mu. Fangoo ne mframagya abura nso, wɔsiesie no ɔkwan a ɛte sɛɛ nso, na mmon mpɛn pii no, wɔ ɔkwan a ɛmu yɛ den na ɛhia dwumadie pii so.
Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ proxy (wiem tebea), sɛ wɔsusu amena mu hyeɛ wɔ ɛbɔn mu dɔre ahodoɔ a ɛtoatoa so mu a, wobetumi de akontabuo nhyehyɛeɛ matrix equation abu akontaa ahunu asase so ɔhyew wɔ abakɔsɛm mu.
Wobetumi de heat exchangers a wɔde plastic PEX dorobɛn ayɛ ahyehyɛ abura nketewa akuokuo mu, na wode akora ɔhyew anaa awɔ wɔ abotan akɛseɛ mu, wɔ ahuhuroberɛ anaa awɔberɛ ntam. Wɔfrɛ mfidie a wɔde di saa dwuma yi seasonal thermal energy storage. Nneɛma a wɔtumi de di saa dwuma yi yɛ abosea ne asase ase botan. Ebetumi ayɛ amena kakraa bi kɔsi ɔhaha pii. Saa amena nketewa yi mu dɔ tumi firi mita aduonum (50) kɔsi mita ahaasa (300) (150 to 1,000 ft).[1][2]
Abakɔsɛm
sesaAburatuo wɔ abakɔsɛm a ɛkyɛn soɔ. Anyɛ yie koraa no, Han ahemman no (202 BC – kɔsi 220 A.D.), na Chinafoɔ tu nkokuro a ɛmu dɔ ahodoɔ de pɛ ɛfam agudeɛ ne nnwuma afoforɔ. Britania sinologist ne abakɔsɛm twerɛfoɔ Michael Loewe twerɛ dii adanseɛ sɛ amena mmeaeɛ mu dɔ tumi duru mita aduosia (600 metres (2,000 ft)).[3] K.S. Tom ka ɔkwan a wɔfa so tu amena no ho asɛm sɛ: "Chinafoɔ kwan a wɔfa so tu amena kɔ akyiri no, mmarimakuo bi a wɔhurihuri wɔ dua kɛseɛ bi a ɛwɔ afidie a ɛtu amena no, na afidie a etwan no, anankwinini na ɛpia."[4] Saa ɔkwan korɔ yi so ara na wɔfaa so tuu fangoo wɔ California wɔ afe 1860 mu (nea wɔto din sɛ "kicking her down").[5][6] Atɔɛfam Han ahemman mu kɔbere adwumayɛbea bi a wɔhuu wɔ Xinglong, Hebei wɔ mmeaeɛ a ɛbɛn a wotu fam agudeɛ a ɛkɔ akyiri koduru mita ɔha 100 metres (330 ft). Saa bea yi wɔ mmeaeɛ a ɛtrɛ a wɔtu fam agudeɛ wɔ mu;
- ↑ Hellström G. (2008). Large-Scale Applications of Ground-Source Heat Pumps in Sweden. IEA HP Annex 29 Workshop, Zurich, May 19, 2008.
- ↑ Stiles, Lynn (June 1998). "Underground thermal energy storage in the US". IEA Heat Pump Centre Newsletter. 16 (2): 22–23.
- ↑ Loewe (1968), 194.
- ↑ Tom (1989), 103.
- ↑ Tom (1989), 103.
- ↑
{{cite book}}: Empty citation (help)